VERSE 1
Aseda nka ɔnyame,
Nyame a ɔne yɛn wɔ hɔ
Nneɛma ɛyɛ a ɔyɛ, ɛyɛ
Nwonwa,
Nneɛma a ɛyɛ a efifi,
Ne nyinaa fi awurade hɔ
Aseda afɔre a ɛsɛ wɔmfa
Mma no
Wɔmfa mma no, wɔmfa
Mma no
Wɔmfa mma awurade no
Nneɛma a ɛyɛ a efifi
Ne nyinaa fi awurade hɔ
Aseda afɔrea ɛsɛ, wɔmfa
Mma no
VERSE 2
Aseda nka onyame,
N’akyɛde a enni kabea,
De n’dɔba ayɛ mpata
Afɔrebɔguan.
Afɔre a enni ahopɛ
Afɔre a ɛkyɛn so daa
Ayeyi aseda a ɛsɛ,
Momfa mma no.
VERSE 3
Aseda nka nyame ba
Adom hen’, yɛn wura
Agyenkwa;
Wasoa yɛ’ mmusu adesoa
Wɔ ‘wuyaw mu;
Yɛn dimafo, hen’ sɔfo,
Wo nkwagye dom mu
Nnepa
Na wode ama yɛasɛ
W’aheman mu.
——————————–
Credit: PAN (t) 207
2nd and 3rd verses by Proph. M.K Yeboah (late)








