Verse 1
Nyame a tete nna no mu,
Ɔnam Pentekost tum’ so
Hyɛɛ asɔre yi ase no
Ɔte saa nnɛ da yi nso
(2x)
Ɔde nsɛnkyerɛnne ne tum’ nnwuma
Dii wɔn asɛnka nyinaa akyi
Sɛee mmonsam tum’, saa nyarewa ahorow.
Nyan awufo, yɛ anwanwade,
Siw’ gyata ano, dum ‘gya tum’
Saa Pentekost tum’ yi no,
Ɛte saa nnɛ ne daa nyinaa
O, Awurade, yɛ yɛn nso saa.
(2x)
M. K. Yeboah – PAN (T) 1064








