Apueiɛ ne atɔyɛ
Ɔman koro mu mma
Ghana man koro no ara
Bra ma yɛ’ mpre nkɔsoɔ
Bra ma yɛ’ mpre mpuntuo
Wo yɛ me nua
Wo yɛ me nua paa
Eno nti
Yɛ’ nto asisie ntwene
Yɛ’ nto akohwie ntwene
Yɛ’ nto anibere ntwene
Atrutrasɛm ne awudie nso
Ye’ mpɛ yiedie
Yɛ’ mpɛ asomdwoe
Biakoyɛ ne onuadɔ
Woyɛ me nua
Woyɛ me nua paa
Woyɛ me nua
Woyɛ me nua paa
Woyɛ me nua
Woyɛ me nua paa
Lydia Otoo
Previous ArticleMede akoma pa bɛyɛ Onyame
Next Article Osii m’anan mu wui o








