Sunsum Kronkron a Woyε ogya fadum
Sɔ ogya wɔ yεn mu ma yεnyε ade
Woso yεn ma wiase nyinaa nhu sε Woasiesie W’asɔre

Onyame Sunsum Kronkron
Bɔ Wo mma asu nnε
Ma W’ahoɔden ne tumi nyina’ra nna adi wɔ yεn mu
Bere a yegyina W’anim yi, pem fa yεn mu nnε sε nkwa nsu a εte ase

Yεayε krado sε yεrefa aman
Yεayε krado sε yεresakyera wiase
Anuonyam asɔre a yεreda Kristo ahoɔfε adi wɔ aman nyinaa m’

Share.
Leave A Reply

This site uses Akismet to reduce spam. Learn how your comment data is processed.

Exit mobile version