Nkakra nkakra, ɛbɛ yɛ yie
Ɛnti mɛkɔ so akɔ m’anim
M’ani so adehunu yi
Me Nyankopɔn no ɔbɛma no aba mu
Me mma m’aba mu mmu
Mɛkɔ so akɔ m’anim
Mede gyidie ani ahunu sɛ
Me daakye no yɛ kɛsɛ
VERSE 1
Nyame a, me som no no
Yɛ me boafoɔ
Nyame ne me komafoɔ
Me kyiritaafoɔ ne me kandifoɔ ne no
Nyame bɛko ama me (2x)
Nyame, wɔayɛ bi da
Ɛnti ɛkɔsi sɛ deɛ Nyame aka no bɛba mu
Me mma m’aba mu mmu
VERSE 2
Ma me nka Nyame ho asɛm bi nkyerɛ wo
Ɔnni atorɔ da
Nyame mmu n’apam so da
Me mmoa nyinaa firi ne nkyɛn
Nyame ne me boafoɔ
Me deɛ, Nyame ne me boafoɔ
Ɛnti me hunu Awurade ne pɛ a
Ɛwɔ ateasefoɔ asaase yi so
Nyame a, wɔahyɛ me bɔ no
Ɔyɛ nokwarefoɔ
Ɔnn’mu n’apam so da
Me mmoa nyinaa firi ne nkyɛn
Nyame ne me boafoɔ
Me de, Nyame ne me boafoɔ
Ɛnti me hunu Awurade ne pɛ a
Ɛwɔ ateasefoɔ asaase yi so








