Verse 1
Nhyira nka Oguanmaa No
W’adi ɔtamfo n’ so
W’adi owu so nkunim
W’asɔre afi awufo m’
W’ama yεn fawohodi
Afi ɔbonsam nsam
Nhyira nka Oguanmaa No
Chorus:
Nhyira nka Oguanmaa No
Ayeyi nka Oguanmaa No
Nyame Ba Kristo
Wadi nkunim ama yεn
Ahotewfo nyinaa, mommɔ ose mma no
Nyame Ba Kristo
Wadi nkunim ama yεn
Ͻsoro dɔm nyinaa, mommɔ ose mma no
Verse 2
Nhyira nka Oguanmaa No
Nea ɔdɔɔ wiase
Owui wɔ dua no so
De gyee adasamma
Nea Ͻde ne mogya no pataa yεn bɔne
Nhyira nka Oguanmaa No
Verse 3
Nhyira nka Oguanmaa no
Nea Ͻyε yεn ntamgyinafo
Wapata yεn bɔne
Wɔ Onyame anim
Wagye yεn nkwa ma yεabεyε Onyame mma
Nhyira nka Oguanmaa No
Verse 4
Nhyira nka Oguanmaa No
Nea Ͻte ahengua no so N’
Abɔfo atwa Ne ho ahyia
Na daa wɔto nnwom sε
Kronkron ne Awurade, ade nyinaa so Tumfo
Nhyira nka Oguanmaa No

