1. Monto Yehowa akwan ho dwom
Sɛ n’anuonyam no yɛ kɛse
ɔno ne yɛn kra hintabea
ɔremma bɔne bi nto yɛn
Ngyeso:
Monto ayeyi dwom mma no
Na ne nnwuma yɛ nokware
Nhyira nka Onyankopɔn
2. ɔka po nsu boa ano kuw
ɔde bun sie nea ɛhɔ dɔ
Ne nyansa mu nni hwehwɛbea
Dɛn na wo de bɛto ne ho
3. ɔremma wo nan nwatiri
Nea ɔhwɛ wo so no rento nko
Owia renhye wo awia
Na ɔsram rensi woso anadwo
4. Dɛn na menfa mma Awurade
Mɛto n’ayeyi dwom no daa
Ma me kra ntra ase nyi woayɛ
Na menka wo nkwagye no nkyerɛ









2 Comments
Very appreciative of your efforts to have these songs on google.
Thanks.