VERSE 1
Dɛn na memfa minyi
W’ayɛ
Tumi wura, daasebrɛ?
Fa wo honhom pa no
Ma me,
Na m’asɛm ayɛ wo fɛ
Na wo dɔ nsɛnkyerɛnne
Ne wo dom no tra
M’adwene
Tumfo ne ɔhenkɛse
Yɛda w’ase, yi w’ayɛ
VERSE 2
Sɛ mekae me bɔne kwan a
Mebɔɔ mu ka pii no a
Ɛma mefɛre me tirim daa
Sɛ wokyɛe me so ara
Na wukura me hiani
Na woyɛ timmɔbɔ ma me
Tumfo ne ɔhenkɛse
Yɛda w’ase yi w’ayɛ
VERSE 3
Wura, wo na wudii m’akyi
Bɛgyee me wɔ daa ogyam
Da a me ne nnebɔneyɛfo
Hwehwɛɛ adefunu no
Wofrɛɛ me sɛ
Menhwehwɛ wo
W’ahenni ne wo trenee wo
Tumfo ne ɔhenkɛse
Yɛda w’ase yi w’ayɛ
VERSE 4
Ɛtɔ dabi a wopɛ sɛ
Wode ɔdɔ ba yɛn nkyɛn
Na dabi nso wohwɛ sɛ:
Wonam yaw bi so twe yɛn
Sɛ yensua wo nneyɛe,
Na yɛnyɛ sɛ w’asɛm kyerɛ,
Tumfo ne ɔhenkɛse
Yɛda w’ase yi w’ayɛ
VERSE 5
Agya, woayi w’ahummɔbɔ
Ne wo dɔ no akyerɛ;
Yesu, wo dɔ ne wo dom no
Abɛma m’ani agye;
Na wo, honhom kronkron,
Da so rekyerɛ
Me soro kwan no.
Sɛ woma midu hɔ a,
Meyi wo ayɛ dabaa








